Bono East Region
From Wikipedia, the free encyclopedia
Bono East mantam a ɛwɔ Ghana yɛ mantam foforɔ a wayi afiri Brong Ahafo mantam. N'ahenkuro ne Techiman.[1] [2] Ɛnam Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party bɔ a wɔhyɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia abatoɔ mu a wɔpɛ sɛ wɔdi so so na wɔtee. Wɔnyaa aba no Nana Akuffo Addo tee asoeɛ a mantam nhyehyɛeɛ so sɛ ɔnhwɛ ɔkwan a nhyehyɛeɛ no bɛdi dwuma. Mantam nsia na wɔbɛyi afiri mantam du a ɛwɔ Ghana nom. Mantam a aka ne Bono, Western North, Ahafo, Savannah, North East ne Oti mantam.[3] Asoeɛ foforɔ a wɔtee a wɔfrɛ no mantam ne mpuntuo nhyehyɛeɛ a na Hon Dan Botae no na ɛboa maa mantam foforɔ a wɔpɛ sɛ wɔte no tumi yɛɛ adwuma. Ghana Aban hyɛɛ wɔn ma wɔhwɛ tee mantam foforɔ a ɛwɔ Ghana no.[4] Wɔ ɔbɛnem bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no, asoeɛ no de krataa a yɛatintim so kɔɔ council of State hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔne afoforɔ reebɛte mantam foforɔ no. Ekuo no hyiaa mprɛ aduasa nsia firi berɛ wɔde kɔeɛ de kɔpem ɔsanaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu.[5] Wɔne nnipa a ɛwɔ mantam foforɔ hɔ no too aba ɛda a ɛtwatoɔ a wɔredwene kwan a wɔbɛfa so asi mantam wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe.[6][7]