Ahafo Mantam
From Wikipedia, the free encyclopedia
Ahafo Mantam (pronounciation of"Ahafo Region" (help·info)) yɛ mantam foforɔ a wɔte wɔ Ghana a Goaso yɛ mantam no ti.[1][2] Mantam no wɔ wɔn ntotoeɛ ne mmra ahodoɔ a kane mantam du no wɔ wɔ aban mu no bi pɛpɛɛpɛ. Wɔnyaa mantam no firii Brong Ahafo south-eastern fa baabi na wɔtee mantam yi sɛdeɛ Ɔsono Amanyɔkuo (New Patriotic Party) bɛdi wɔn bohyɛ a wɔhyɛeɛ wɔ berɛ a na wɔreyɛ wɔn abatoɔ dawurobɔ dwumadie wɔ mantam hɔ. Asaana wɔrebɛto mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) abatoɔ no, Nana Akufo-Addo a na ɔyɛ ɔkansifoɔ saa berɛ no kaa sɛ sɛ wɔto aba yi no a, ɔbɛte mantam afoforɔ afiri mantam dada a na ɛwɔ Ghana no mu sɛdeɛ aban no bɛbɛn temamufoɔ no.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu