New Patriotic Party (NPP)
From Wikipedia, the free encyclopedia
New Patriotic Party (NPP)amanyɔkuo yɛ amanyɔkuo a ɛwɔ Ɔman Ghana mu.[1][2][3] Firi berɛ a Ghana yɛɛ ka bi ma me nka bi wɔ afe apem ahankron aduokron-mmienu (1992) mu no, abɛyɛ amanyɔkuo kɛseɛ a ɛka amanyɔkuo akɛseɛ mmienu wɔ Ghana amanyɔsɛm mu.[4][5] John Kufuor a ɔfiri NPP amanyɔkuo mu no yɛɛ Ɔmampanyin firii afe mpem mmienu ne baako (2001) kɔpem afe mpem mmienu ne nkron (2009).[6] Wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so Ɔpɛnimaa bosome ne da a ɛtɔ so nson (Ɔpɛnimaa 7,2004), amanyɔkuo no nyaa nkonwa ɔha ne aduonu-nkron(129) firii ahanu-aduasa (230).[6] NPP amanyɔkuo nipa yɛ Kufuor, a ɔsane yii no sɛ ɔmampanyin bio a ɔde ɔha nkyekye mu aduonum-mmienu ne akyiripɔ nson ne nnum(52.75%) wɔ mma no mu. New Patriotic amanyɔkuo no ahyensodeɛ yɛ ɔsono ɛnna wɔn ahosuo nso yɛ kɔkɔɔ, fitaa ne bibire.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Wɔ afe 2008 Ghana abatoɔ mu, NPP amanyɔkuo no kannini Nana Akufo-Addo dii nko guo wɔ ɔmanpanyin akonwa no, Akufo-Addo nyaa 49.77% wɔ mma no mu , ɛnna John Atta Mills (NDC) nso nyaa 50.23%. Wɔ afe 2012 abatoɔ mu no, NPP amanyɔkuo no sane dii nko guo bio wɔ mma Electoral Commission of Ghana (EC) de bɛtoo dwa. Nana Akufo-Addo nyaa 47.74% wɔ mma no mu, berɛ a NDC kannini John Mahama nyaa 50.7% a na NPP foɔ susu sɛ korɔnoo.[7] Wɔn sane yii Akufo-Addo ne mprɛnsa soɔ sɛ ɔkannnini wɔ afe 2016 abatoɔ mu ɛmaa no dii Mahama son nkunim berɛ a ɔnyaa 53.83% wɔ mma no mu.