National Democratic Congress (NDC)
From Wikipedia, the free encyclopedia
National Democratic Congress (NDC)(sɛnea yɛbɔ "National Democratic Congress" (help·info)) yɛ onuadɔ amanyɔkuo wɔ Ghana ha. Jerry John Rawlings a na ɔdi Ghana anim wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe baako kɔsi afe apem ahenkron aduokron mmiɛnsa no na ɔtee saa amanyɔkuo yi. Ɔsane bɛyɛɛ Ɔmanpanin firi afe apem ahenkron aduokron mmiɛnsa de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne baako mu. Ɛfiri bere a wɔtee Provisional National Defence Council (PNDC) a ɔde asrafoɔ bɛtuu aban a na ɔte adwa so saa bere no guiɛ wɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduasa baako bɛdii adeɛ no amanaman ɛwɔ wiase de wɔn ano guu Rawlings so sɛ ɔmfa ɔman no nsane nkɔ kabi ma menkabi amammuo mu. Kyiniiɛ amanyɔkuo NDC hyɛɛ aseɛ te sɛ amanyɔkuo a ɔte adwa so ansa na afe apem ahenkron aduokron mmienu abatoɔ no reduru so. Ɛno mu na wɔtoo aba yii Jerry John Rawlings sɛ Ɔmanpanin ɛna wɔtoo aba yii no ne mprenu so wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia Ghanafoɔ ɔgyina mu ma National Democratic Congress amanyɔkuo no. Rawlings amammuo a ɛtɔ so mmienu no baa nawieɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu. National Democratic Congress hweree Ɔmanpanin adwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no mu. Amanyɔkuo no sane nyaa Ɔmanpanin akondwa no bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ no mu bere a Okunini John Atta Mills na na ɔyɛ amanyɔkuo yi frankaatuni. National Democratic Congress na ɔde afe apem ahenkron aduokron mmienu Ghana amammra sii hɔ.
National Democratic Congress | |
---|---|
Abbreviation | NDC |
Ɔkandifoɔ | Samuel Ofosu-Ampofo |
Oguamtenani | Samuel Ofosu-Ampofo |
Ɔkyerɛwfo | Asiedu Nketia |
Farebae | Jerry Rawlings |
Bre a wɔde sii hɔ | Nhwɛsoɔ:Start date and age |
Asoɛe | Adama Ave, Adabraka, Accra |
Student wing | TEIN |
Ideology | Social democracy |
Political position | Centre-left |
International affiliation | Progressive Alliance Socialist International |
Kɔa | Green, White, Red, Black |
Fene | Unity, Stability and Development |
Anthem | |
Parliament | 137 / 275 |
Pan-African Parliament | 3 / 5 |
Abatoɔ ahyɛnsodeɛ | |
The Umbrella with the Head of a Dove at the Tip | |
Party flag | |
Website | |
www |
Amanyɔkuo yi ahyɛnsodeɛ ne Kyiniiɛ anomaa abuburo si so. Amanyɔkuo yi ahosuo ne kɔkɔɔ, fufuo, ahabanbunu ne Tuntum. Wɔn 'motto' ne Nkabom, Baakoyɛ ne mpuntuo. Ɛwɔ amanaman mu no National Democratic Congress ka 'Progressive Alliance[2] ne Socialist International'[3]kuo no ho.
Ɛwɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so nkron wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu mu no, Abantoɔ Kɔmisan a ɛwɔ Ghana de too dwa sɛ Owura John Dramani Mahama a na ɔyɛ frankaatuni ma amanyɔkuo National Democratic Congress no adi nkunim bere a ɔnyaa mma no ɔha mu nkyekyɛmu aduonum ne akyire po nson wɔ mma a wɔtoeɛ no nyinaa mu[4].