From Wikipedia, the free encyclopedia
Tiri mu dwie a wɔfrɛ no pediculosis capitis anaa head lice infestation yɛ yadeɛ a mmoa a yɛfrɛ wɔn dwie de ba. [1] Wɔba obi tiri nwi mu a ɛma ne tirimu keka no. Edwie yi nso ka antɔborɔ ahodoɔ a wɔdidi nipa honam mu no ho.[2] Ɔno deɛ, beaeɛ a ɔte ne nipa tiri ho. Sɛ mmoa yi ba obi tirim a bɛyɛ nnanwɔtwe nsia a ɛdi kan no deɛ, ɔrente biribiara. Akyire yi a wɔrewo ama wɔn ase adɔre, na wɔahyɛ aseɛ rekaka nipa no tiri ho. Sɛ wɔrekaka nipa no saa a, ɛma ne tiri ho keka no. Otiti nso a na ɔntumi nna. Ɛrekame ayɛ sɛ Abibiman mu nko ara na edwie wɔ. Europe ne Amereka deɛ, ebi nni hɔ.[3]
subclass of | ectoparasitism, lice infestation, Nyarewa |
---|---|
health specialty | infectious diseases |
symptoms and signs | irritability |
possible treatment | treatment of human head lice |
ICD-9-CM | 132.0 |
Tiri mu dwie yɛ nsaeyadeɛ. Sɛ mmoa no firi obi a ɔwɔ bi tiri mu kɔ obi foforɔ nso tiri mu a, ɔno nso tumi yɛ bi. Sɛ obi hyɛ obi foforɔ a edwie wɔ ne tiri mu ataadeɛ a, ɔno nso tumi nya bi. Ɔde adeɛ bi te sɛ afe anaa ɛkyɛ a deɛ edwie wɔ ne ne tiri de yɛ ne ho na ɔno nsobde yɛ ne ho a, ɛtumi ma dwie no bi ba ɔno nso tiri mu. Mmɔfra na ɛtaa yɛ wɔn. Ɛbɛtumi anam efie mmoa bi te sɛ kraman, ɔkra, so ama obi anya tiri mu dwie. Mogya nko ara ne adeɛ a edwie nom. Enwi mu nko ara na wɔtumi tena.[4] Sɛ wɔnyini a wɔn tenten bɛyɛ 2-3 mm.[5] Sɛ wɔanya nipa tirim antena, wɔntumi nni nna mmeɛnsa mpo na wɔawuwu. . Yɛwɔ edwie a wɔtena nnipa honam ani, (body louse ), ɛna yɛwɔ deɛ wɔtena nnipa tiri mu, ( crab louse).
Sɛ edwie ba obi tiri mu a, wɔha adwene deɛ, nanso wɔnhyɛ da nyɛ nneɛma a ɛyɛ hu biara.[6]Deɛ wataa deba ara ne tiri mu keka. Ɛno ne adeɛ a ɛdi kan a daa edwie ba obi tiri mu a, ɔhunu. Bɛyɛ sɛ nnawɔtwe mmeɛnsa de rekɔ ɛnan akyiri no, tirimukeka yi ano bɛyɛ denSaa tiri mu keka yi bɛyɛ kɛse pa ara. Sɛ wɔrekeka nipa no tiri ho na wɔrenom ne mogya a na ɔnya saa atenka no. Yɛtumi de yɛn ani hunu dwie yi deɛ, nanso esiane sɛ wɔyɛ nketenkete na wɔsan hyehyɛ tiri nwi mu nti, ɛyɛ den sɛ wobɛhunh wɔn. Wɔwɔ nipa no tiri mu kyɛ na, wobɛhunu sɛ ne titi nwi ahyɛ aseɛ retutu. Baabi a wɔkeka wɔ etire no ho no nso hyɛ aseɛ mema so kakra. Ahokeka a wɔdeba no tumi de honam ani yadeɛ ahodoɔ ba. [7][8][9]
Edwie no tumi to nkosua wɔ tiri nwi no mu. Wɔbae a, na nkosua no hono nketenkete a wanhwɛ no yie a worentumi nhunu akeka tiri nwi no ase. Yɛrentumi nnyina saa nkosua hono yi so mfa nka sɛ edwie wɔ obi tiri mu, gye sɛ yɛahunu dwie no ankasa bi.Mpɛn pii no, wɔhunu hoa, dɔteɛ anaa efi bi wɔ obi tiri nwi mu a, ɛyɛ a wɔtaa dwene sɛ edwie wɔ mu, nanso ɛsono saa nneɛma yi na ɛsono dwie. [10][11] Mpɛn pii no wɔmfa mmɔfra anaa wɔn a dwie wɔ wɔn tiri mu nkɔ ayaresabea.[12] Yɛwɔ afe a yɛtumi de hunu sɛ edwie wɔ obi tiri mu anaasɛ ebi nni mu. Saa kwan a yɛfa so hwehwɛ dwie yi boa sene ɛkwan foforɔ biara.[13]
Wɔwɔ akwan ahodoɔ bebree a sɛ obi nya tiri mu dwie a wɔfa so sa no yadeɛ. Ɛno bi na ɛdidi soɔ yi. Wɔtumi de afe soronko bi yiyi wɔn. Sɛ deɛ ɔwɔ bi no ti afu a, wɔyi. Wɔtumi de nkuduro nso sera wɔn tiri mu. Wɔtumi nso de nsuo a ɛyɛ kye hohoro wɔn tiri mu berɛ ano berɛ ano.[14]
Ɛsɛ sɛ berɛ ano berɛ ano, awofoɔ ne ahwɛfoɔ ma wɔn ani kɔ wɔn mma tiri nwi ho. Efu a, ɛsɛ sɛ wɔyi. Wɔrenunu wɔn mma tiri mu nso a, ɛsɛ sɛ wɔfee wɔn ani hwɛ mu yie.
Wɔhunu sɛ edwie wɔ obi tiri mu a, wɔnhwɛ ntwe wɔn ho mfiri deɛ ɛdidi soɔ yi ho. Mma wɔne no mfa afe, ntaadeɛ, tohuro ne apɔɔse nyɛ wɔn ho mmɔ mu. Ɛnsɛ sɛ obi ne deɛ wanya tiri mu dwie no da mpa baako so.[15][16]
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.