From Wikipedia, the free encyclopedia
Nadowli East (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsua) yɛ mpɛsuasoɔ no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔtoo aba yi mmarahyɛbadwani baako a ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Nadowli East wɔ Nadowli mansini a ɛwɔ Upper West Mantam wɔ Ghana.
Nadowli East | |
---|---|
Mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam | |
Mansini | Nadowli District |
Mantam | Upper West Region of Ghana |
Mprenpren mpɛsoa | |
Created | 2004 |
Amanyɔkuo | National Democratic Congress |
MP | Mathias Asoma Puozaa |
Nadowli East mpɛsua a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔtee mpɛsua no wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004). Mathias Asoma Puozaa na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma Kyinie amanyɔkuo no wɔ Nadowli mansini a ɛwɔ Upper West Mantam wɔ Ghana.
Nadowli mansini a ɛwɔ Upper West mantam wɔ Ghana na akonnwa no wɔ.
Akonnwa no baeɛ titiri Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) no mu. Wei nam so ma wɔsesae Nadowli North ne Nadowli South mpɛsua no de kɔɔ Nadawli East ne Nadowli West mpɛsuasoɔ sɛneɛ ɛsɛ.[1]
Mathias Asoma Puozaa na na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam abatoɔ no. Mathias Asoma Puozaa firi Touri a ɛno nso wɔ mpɛsua no mu. Wɔwoo no wɔ Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ so du wɔ afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe (10 January 1948), ɔkɔɔ sukuu wɔ (Daffiamma Roman Catholic School, St. Charles Secondary School, University of Ghana) ɛnne (University of Glasgow). Na ɔyɛ adwuma wɔ beaɛ a mpanimfoɔ sua adeɛ (University of Ghana) kɔsii sɛ ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwani wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) mu. Ɔsan nso dii nkonim wɔ mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) abatoɔ a ɔmanmu no nyinaa ɛtoeɛ no. Ɔyɛ guamtrani de ma mmarahyɛbadwam boayikuo a wɔhwɛ nwomasuasoɔ. Owura Puozaa ware Leonicia Bataanie a wɔ wɔ mmɔfra num.
Mathias Asoma Puozaa na na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie amanyɔkuo (NDC). Ɔnyaa mma mpem nan ahanson ne aduowɔtwe nkron (4,784) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nkron akyiri pɔ nan (49.4%).
Robert Ekor Dassh na na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no. Ɔnyaa mma mpem nan ahansia ne aduoson nsia (4,676) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nkron akyiri pɔ mmienu (49.2%).
Jonas Bonoebara Tingani na na ɔyɛ anamsini de ma PNC amanyɔkuo no. Ɔnyaa mma ɔha ne aduosia num (165) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ nson (1.7%)
George Teisaah Azaadong na na ɔyɛ anamsini de ma Akokɔ amanyɔkuo (CPP) no. Ɔnyaa mma aduosia nsia (66) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ nson (0.7%).
Mma dodoɔ: Ɔha ne dummiɛnsa (113) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ mmienu (1.2%).[2]
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.