From Wikipedia, the free encyclopedia
Kitawonsa(pronounciation of "Kitawonsa" (help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so nson wɔ afe no mu. Wɔ borɔfo kasa mu no yɛfrɛ no July.[1][2] Kitawonsa hyɛ Ayɛwohomummɔ ne Ɔsanaa ntam. Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ nnafua aduasa baako. Wɔde ne brɔfo din July no too Romanfoɔ panin bi a yɛwoo no bosome kitawonsa no mu. Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa baako te sɛ abosome Ɔpɛpɔn, Ɔpɛnimma ne Ɔbɛnem.[3][4]
Kitawonsa yɛ edin a Akanfoɔ a wɔwɔ ɔman Gaana mu de ma bosome a ɛtɔ so nnson wɔ afe no mu. Kitawonsa yɛ ofupɛ bere.[2] Ɛyɛ bere a ɛtwatoɔ wɔ nsu toɔ bere a edin kan wɔ anaafo fam wɔ ɔman Gaana mu, ena ɛyɛ nsu toɔ bere wɔ atifi fam wɔ ɔman Gaana mu. Kitawonsa bosome wɔ afahyɛ bi tisɛ Asafotu-fiam, Panafest, Ohum, Damba, Bakatue ne Kente a ɔman Gaanafoɔ edi[5].
Wɔ ɔman Gaana mu no afahyɛ ahorow ne nkaeda ahorow bi wɔ hɔ a wɔhyɛ no nsow wɔ Kitawonsa bosome no mu. Ebi ne: Gaana Adehyeman Nkaedi da (Republic Day). Afe biara Kitawonsa da a edi kan no Ghanafo kae da a ɔman no bɛyɛɛ adehyeman. Saa da nnyɛ dapɔnna nanso wɔkaw saa da yi afe biara wɔ Ghana.[6][7]
Asafotu-fiam,
Panafest,
Ohum,
Damba,
Bakatue ne
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.