![cover image](https://wikiwandv2-19431.kxcdn.com/_next/image?url=https://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/f/f1/Benign_gastric_ulcer_1.jpg/640px-Benign_gastric_ulcer_1.jpg&w=640&q=50)
Yamkuro
From Wikipedia, the free encyclopedia
Yamkuro yɛ nsisiiɛ a ɛsi yafunu nwoma no mu,ɔfa a ɛdi kan wɔ yafunu no mu a nnuanenuro kɔgu no, anaa sɛ drobɛn a ɛwɔ fam no.[1][2]Yamkuro a ɛsi wɔ yafunu mu no, wɔfrɛ no"gastric ulcer", na deɛ ɛsi wɔ yafunu no nwoma a ɛdi kan no, wɔfrɛ no "duodenal ulcer".[3]Yamkuro a ɛsi wɔ yafunu nwoma no mu a ɛnyɛ na koraa ne sɔre a wobɛsɔre anadwo ne w’ayase soro a ɛbɛyɛ wo ya na ɛrentumi mma wo nnidi no.[4]Wɔ kuro a ɛsi wɔ yafunu no mu no,yaw no ano bɛyɛ den na adidie nso bɛyɛ den.[5]Mpɛn pii no, wɔfrɛ saa yaw no sɛ ɔhyeɛ.Mpopoeɛ binom ne mmusoɔ,feɛ,wo so bɛte,anaa sɛ worentumi nnidi.Ɛbɛyɛ sɛ mpaninfoɔ nkyekyɛmu mmiɛnsa na sɛ wɔnya yamkuro a worenhunu ɛho mpopoeɛ.Nsunsuansoɔ no bi bɛtumi ayɛ mogyatuo,tokuro a ɛbɛsi wo yam anaa sɛ wo yam kwan bɛsi.Mogyatuo no si bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu dunnum(15%)wɔ akwan beberee so.[6]
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
subclass of | Nsonomuyadeɛ, duodenal disease, Nyarewa ![]() |
---|---|
has cause | Helicobacter pylori infectious disease, non-steroidal anti-inflammatory drug ![]() |
afflicts | STOM, duodenum ![]() |
health specialty | gastroenterology ![]() |
symptoms and signs | epigastric pain, heartburn, melena, hematemesis ![]() |
ICD-9-CM | 533 ![]() |
ICPC 2 ID | D86 ![]() |
NCI Thesaurus ID | C3318 ![]() |