University of Cape Coast
From Wikipedia, the free encyclopedia
University of Cape Coast (pronounciation of "University of Cape Coast" (help·info)) yɛ Ghana suapɔn. Suapɔn yi wɔ Cape Coast wɔ Mfinmfini Mantam wɔ Ghana
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
University of Cape Coast yɛ amansan nyinaa collegiate suapɔn no mu baako a ɛwɔ kuro a yɛfrɛ no Cape Coast a ɛwɔ abakwasɛm beberee. Suapɔn no wɔ mpoano a sɛ wohwɛ firi Atlantic Ocean a wobɛhunu sɛ ɛgu bepo so.[1] Suapɔn no wɔ mmea ahodoɔ mmienu a asuafoɔ no kɔgye nteteɛ: deɛ ɛwɔ Anaafoɔ fam (Old Site) ɛne deɛ ɛwɔ Atifi fam (New Site). Mmea ahodoɔ mmienu a agye din na ɛwɔ abakwasɛm pii wɔ Ghana bi ne Elmina ne Cape Coast Castle, a ɛyɛ anamon tiawa bi, sɛ wofiri suapɔn no mu rekɔ hɔ a.
Wɔtee suapɔn yi wɔ Ahinimie bosome no mu wɔ afe apem ahankron aduosia mmienu (1962) mu berɛ a na ɔman Ghana hia nnipa wɔwɔ nteteɛ ama wɔn abɛboa Ghana nwomasua no.[2] Ne botae titiri ne sɛ ɔbɛtete akyerɛkyerɛfoɔ de ama Ghana ntoasoɔ sukuu ahodoɔ no.
wɔ ɛbɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu baako mu no,suapɔn no gyee abasobɔdeɛ ahodoɔ pii a ɛbi na ɛdidi soɔ yi[3]: