São Paulo
From Wikipedia, the free encyclopedia
Sao Paulo yε kuro a ɛwɔ Brazil anaafoɔ-apuei famu. Ɛno ne kuro a emu nnipa dɔɔso paa wɔ Brazil ne nea ɛtɔ so du-biako wɔ wiase nyinaa.[1] Ɛsan ne kuro a wɔka Portuguese kasa no paa wɔ wiase nyinaa.[2] Wɔde kuro no too Apostle Saint Paul a ofiri Tarsus. Sao Paulo ne kuro ɛtɔ so du-biako a ne GDP wɔ soro paa wɔ wiase nyinaa. Wei gyina hɔ ma Brazil GDP nyinaa ɔha mu nkyekyemu du ne ekyiripɔ nson, ne Sao Paulo man no nneɛma ne ndwuma ahorow a wɔyɛ no ɔha mu nkyekyemu eduasa-nsia.[3] Kuropɔn yi mu na Brazil abansoro atenten paa bi te sɛ Mirante do Vale,Edificio Italia,Banespa North Tower ne abansoro atenten afoforɔ pii wɔ.[4] Sao Paulo yɛ fie ma nkaedum,tete nneɛma akorae ne agorprama bi te sɛ Latin American Memorial, Ibirapuera Park, Sao Paulo Museum of Arts ne Museum of The Portuguese Language.Wɔyɛ dwumadie ahodoɔ bi te sɛ Sao Paulo Jazz Festival,Sao Paulo Art Biennial, the Brazzilian Grand Prix, Sao Paulo Fashion Week,the ATP Brasil Open ne Brasil Game Show.[5]
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sao Paulo | |||
---|---|---|---|
| |||
File:Sao Paulo Poster.jpg | |||
Ɔman | Brazil | ||
Mpɔtɛm | 1,521.11 km²(587.3039 sq mi) km² | ||
Nnipa dodoɔ | 12,400,232 ab. (2020) |
Yudafoɔ a wɔwɔ Brazil no mu fa kɛseɛ no wɔ Sao Paulo.Wɔn dodoɔ yɛ mpem eduoson-nnum.[6] Wɔ afe 2016 mu no, na nnipa a wɔwɔ Sao Paulo no ase firi aman ahodoɔ aha-mmienu so.[7] Wɔfrɛ nnipa a wɔte kuro no mu no paulistanos. Sao Paulo kuro no nnyinasosɛm a ɛwɔ Latin kasa mu ne Non ducor,duco a ne nkyerɛasee ne ''Obi nni m'anim,midi anim''.[8]