Sika Dwa Kofi
From Wikipedia, the free encyclopedia
Sika Dwa Kofi,(pronounciation of "Sika Dwa Kofi" (help·info)) a potɔfoɔ frɛ no "Golden Stool" no, ɛyɛ Asantefoɔ ahenie ne wɔn Adehyedie dwa. Na ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ tumi a ɛwɔ Asanteman.[1] Okunini Ɔkɔmfo Anokye, na na ɔyɛ Ɔkɔmfo Panyin, na ɔsan ɛka atitire baanu a wɔtee Asanteman Nkabomkuo no. Ɔno na ɔfrɛɛ Sika Dwa no efirii wiem ma no besii Asantehene a ɔdikan, Osei Tutu ɛserɛ so.[2] Saa berɛ no mu no, na ahenwa bi saa ɛdan amammerɛ ahyɛnso soronko a ɛfa ɔhene biara amamuo ho, nanso dodoɔ no ara gyidi sɛ Sika Dwa Kofi ɛyɛ ahyɛnso bi a na Asantefoɔ - wɔn a wɔte aseɛ, wɔn a wáwu ɛne wɔn a afei na yɛrebɛwo wɔn nyinaa homhom ɛwɔ mu.[3]
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu