Nyarewa
Ɛyɛ nyarewa bi a ɛba yɛn nnipadua mu ma yɛnya atinka sɛ biribi ate kyema wɔ yɛn nnipadua no mu. / From Wikipedia, the free encyclopedia
Nyarewa yɛ tebea bi a obi kɔ mu a ne ho mfa no na ɛde nsunsuansoɔ ba nnipadua nom mma no nni dwuma yie na ɛnyɛ sɛ obi apira.[1][2] Nyarewa yɛ tebea a obi kɔ mu a ɛde nsɛnkyerɛne na ne nnipadua ho. Nnoɔma a ɛwɔ yɛn mu a yɛfrɛ no pathogens tumi de yareɛ ba. Nhwɛsoɔ, sɛ yɛn nkwammoa no ntumi nni dwuma yie a ɛtumi de nyarewa pii bi te sɛ immunodeficiency, hypersensitivity, allergies ne autoimmune disorders brɛ yɛn. Wɔ nnipa fam no, yareɛ yɛ tebea bi a obi kɔ mu a ɛde yaw, nnipadua no nni dwuma yie, ɔbrɛ, ne ɔhaw a ɛwɔ mpɔtam anaa owuo brɛ nea wanya yareɛ no, anaa wɔn a wɔbɛn saa nnipa no nso bɛtumi anya saa ɔhaw no bi. Ɛtumi yɛ pira, dɛm, nnoɔma ntorɔ yie wɔ nnipadua nom, syndrome, nsanyareɛ, nsɛnkyerɛnne a ate ne ho, suban bɔne, saa ara nso na wɔ nsɛm foforɔ mu ne botaeɛ foforɔ mu no ɛbɛtumi a nkyekyɛmu a wobɛtumi akyerɛ mu ama yɛahunu no nsonsonoeɛ. Nyarewa tumi yɛ adwene no nnyɛ nnipadua no nkoa, sɛ wonya yareɛ na ɛtena wo mu a ɛtumi de ɔhaw abrɛ nea yareɛ no wɔ no so. Sɛ obi yare na ɛnam so ma no wu a wɔfrɛ no owupa. Yɛwɔ nyarewa ahodoɔ nan, deficiency diseases, hereditary diseases (including both genetic diseases ne non-genetic hereditary diseases), ne physiological diseases. Wobɛtumi akyekyɛ nyarewa wɔ akwan pii bi so te sɛ yareɛ a ɛsane ne nea ɛnsan.Yareɛ a ɛyɛ hu paa ne coronary artery disease (blood flow obstruction), followed by cerebrovascular disease ne lower respiratory infections.[3] Wɔ aman a atu mpɔn mu no, yareɛ aba nnipa so paa ara neare neuropsychiatric conditions, bi te sɛ dɔbrɛ ne adwene mu haw. Pathology yɛ ɔkwan a yɛfa so su nyarewa, a etiology adesua ne nea ɛde ba ka ho.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu