![cover image](https://wikiwandv2-19431.kxcdn.com/_next/image?url=https://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/2/2a/House_of_Commons_2010.jpg/640px-House_of_Commons_2010.jpg&w=640&q=50)
Mmarahyɛbadwafie
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wɔ nnɛ mmerɛ yi mu amanyɔsɛm ne abakɔsɛm mu no, Mmarahyɛbadwafie (pronounciation of "Mmarahyɛbadwafie" (help·info)) anaa Mmarahyɛbadwam yɛ baabi a wɔhyɛ mmara de ma ɔmamfoɔ. Mpɛn pii no, mmarahyɛbadwa biara wɔ dwumadie titire ahodoɔ mmiensa: sɛ wore si wɔ mamfoɔ no ananmu wɔ mmarahyɛbadwam hɔ, sɛ worehyɛ mmara ama ɔmamfoɔ no, ɛna sɛ wobɛhwɛ aban no dwumadie so berɛ a woretietie na woreyɛ nsɛm mu nhwehwɛmu. wɔn dwumadie ne wɔn a yɛfrɛ wɔn sɛ senate, synod anaa congress dwumadie yɛ pɛ na wɔtae hunu no wɔ aman ahodoɔ a ɔhene anaa ɔhemaa adi wɔn so pɛn anaa gu so redi wɔn so. Aman ahodoɔ no bi wɔ hɔ a sɛ wɔka sɛ Mmarahyɛbadwafie anaa mmarahyɛbadwam a na worekyerɛ mmarahyɛbadwam dwumadie ahodoɔ no nko ara, na mmom ɛbinom nso wɔ hɔ a wɔtumi dekyerɛ biribi foforɔ. (sɛ ɛbia Ghana mmarahyɛbadwam).[2]
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
![Thumb image](http://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/2/2a/House_of_Commons_2010.jpg/640px-House_of_Commons_2010.jpg)
![Thumb image](http://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/1/13/PikiWiki_Israel_7260_Knesset-Room.jpg/640px-PikiWiki_Israel_7260_Knesset-Room.jpg)
![Thumb image](http://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/b/b9/Chamber_of_the_House_of_Representatives_of_Japan.jpg/640px-Chamber_of_the_House_of_Representatives_of_Japan.jpg)
![Thumb image](http://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/6/68/Bundesratswahl_2009_-_Applaus.jpg/640px-Bundesratswahl_2009_-_Applaus.jpg)