Mmarahyɛbadwafie
From Wikipedia, the free encyclopedia
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wɔ nnɛ mmerɛ yi mu amanyɔsɛm ne abakɔsɛm mu no, Mmarahyɛbadwafie (pronounciation of "Mmarahyɛbadwafie" (help·info)) anaa Mmarahyɛbadwam yɛ baabi a wɔhyɛ mmara de ma ɔmamfoɔ. Mpɛn pii no, mmarahyɛbadwa biara wɔ dwumadie titire ahodoɔ mmiensa: sɛ wore si wɔ mamfoɔ no ananmu wɔ mmarahyɛbadwam hɔ, sɛ worehyɛ mmara ama ɔmamfoɔ no, ɛna sɛ wobɛhwɛ aban no dwumadie so berɛ a woretietie na woreyɛ nsɛm mu nhwehwɛmu. wɔn dwumadie ne wɔn a yɛfrɛ wɔn sɛ senate, synod anaa congress dwumadie yɛ pɛ na wɔtae hunu no wɔ aman ahodoɔ a ɔhene anaa ɔhemaa adi wɔn so pɛn anaa gu so redi wɔn so. Aman ahodoɔ no bi wɔ hɔ a sɛ wɔka sɛ Mmarahyɛbadwafie anaa mmarahyɛbadwam a na worekyerɛ mmarahyɛbadwam dwumadie ahodoɔ no nko ara, na mmom ɛbinom nso wɔ hɔ a wɔtumi dekyerɛ biribi foforɔ. (sɛ ɛbia Ghana mmarahyɛbadwam).[2]
Mmarahyɛbadwam yɛ asɛmfua a ɛfiri Borɔfo kasa mu, na wɔnya firii Anglo-Norman wɔ 14th century berɛ no mu, a na ɛfiri 11th century French foɔ asɛm a wɔfrɛ no sɛ "parlement" a asɛkyerɛ wɔ Borɔfo mu ne "discussion, discourse", a ɛfiri asɛmfua "parler" mu, a ɛno nso asekyerɛ ne sɛ "to talk".[2] ɛhɔ na asɛm no asekyerɛ firi baeɛ a na ɛtumi gyina hɔ ma anobaebae biara, ne nkitahodie biara, anaa sɛ wone obi redi biribi ano berɛ a wonam akwannuasa nyinaa so. wɔ 15th century mu no, Britain foɔ, faa asɛm no maa no bɛgyinaa hɔ maa mmarahyɛbadwam.[3]
Ɔman biara wɔ sedeɛ ɔfrɛ ne mmarahyɛbadwam. deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ edin ahodoɔ a amanaman biara de frɛ mmarahyɛbadwa no
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.