Mali
From Wikipedia, the free encyclopedia
Mali a wɔfrɛ no Republic of Mali no yɛ ɔman a ɛwɔ Afrika Atɔe fam.[1] Mali yɛ ɔman a ɛto so awotwe a ɛso wɔ Afrika, na ne kɛse boro kilomita ahinanan 1,241,238 (479,245 sq mi). Ɔman no ne Algeria hye wɔ atifi fam, Niger wɔ apuei fam, Mauritania wɔ atifi fam atɔe, Burkina Faso ne Côte d’Ivoire wɔ anafo fam, na Guinea ne Senegal wɔ atɔe fam. Nnipa a wɔwɔ Mali yɛ ɔpepem 23.2.[2][3] Wɔbuu akontaa sɛ emu nnipa ɔha mu nkyekyɛmu 67 nnii mfeɛ 25 wɔ afe 2017 mu.[4] N’ahenkuro ne kuropɔn a ɛso sen biara ne Bamako.[1]
Mali man a ɛwɔ tumidi no yɛ amantam dunkron na n’ahye a ɛwɔ atifi fam no kɔ Sahara Anhweatam no mfinimfini tɔnn. Ɔman no kesee fam fa wɔ Sudan savanna, baabi a emufo dodow no ara te, na Niger ne Senegal nsubɔnten nyinaa fa mu.