Kwame Nkrumah University of Science and Technology
From Wikipedia, the free encyclopedia
Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) yɛ suapɔn a ɛbɔ ne ho mmɔden wɔ kwan sononko so, wɔ Abibirem Atɔeɛ fam ha deɛ wɔn na wɔyɛ suapɔn a sɛ ɛba no abɛɛfo kwan a wɔfa so yɛ nnoɔma ne ɛmu adekyerɛ dea, wɔn na wɔdi kan.[1]Kwame Nkrumah University of Science and Technology ɛyɛ amansan suapɔn a ɛwɔ Ghana, saa ara nso na ɛyɛ suapɔn kɛseɛ a ɛwɔ Kumasi Metropolis ɛna ɛsane nso wɔ Asante mantam no mu.[2]
Ghanaian Academic and Research Network, African Library and Information Associations and Institutions, International Council for Open and Distance Education, Association of African Universities
Kwame Nkrumah University of Science and Technology
Agyeman Prempeh I, a na ɔyɛ Asantehene, na ɔhyɛɛ aseɛ dwendwenee kwan a ɔbɛfa so asi suapɔn kɛseɛ wɔ Kumasi a ɛyɛ kwan baako a, na ɔpɛ sɛ ɔfa so ama ne manfoɔ a wɔwɔ Asante mantam no mu ne ne nkuro ahodoɔ a wɔka Asante ahennie no ho no nso nya baabi kɔgye suapɔn mu nteteeɛ, ɛhɔ ne KNUST suapɔn no ahyɛaseɛ. [3] Saa adwenpɔ yi antumi amma mu saa merɛ no ɛsiane ntawantawa a na ɛda ɛngrɛsi (British) aborɔfo a wɔpɛ sɛ wɔtrɛtrɛ wɔn ahyeɛ mu ɛne Nana Prempeh I a ɔno nso pɛ sɛ ɔbɔ n'asante ahennie no faahodie a wɔanya no ho ban.[3]
Na mmom, ne nua kumaa a ɔbɛdii n'adeɛ,Nana Asantehene Agyeman Prempeh II, ɔbɛtenaa sikadwa (Golden Stool) no so wɔ afe apem ahankron aduasa num (1935) mu no, ɔno nso bɛtoaa saa anisoadehunu yi so. [3] Dwumadie a ɛkɔɔ so wɔ Gold Coast wɔ afe apem ahankron aduanan (1940s) mu nyinaa na ɛhyɛ ne nsa. Ɛdi kan no wɔhyɛɛ aseɛ sii suapɔn a wɔfrɛ no sɛ University College of the Gold Coast. [4] Ɛtɔ so mmienu, ntawantawa bi bae wɔ afe apem ahankron aduanan nwɔtwe mu a na yɛfrɛ no sɛ 1948 Accra riots ɛno na ɛnam so maa wɔtee abadwakuo a yɛfrɛ no sɛ Watson Commission sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu, na wɔde wɔn nhwehwɛmu no baa awieɛ no, na wɔkyerɛɛ sɛ wɔnsi abɔdeɛmu nyansapɛ suapɔn ɛwɔ Kumasi. [5] Ɛne sɛ, wɔ afe apem ahankron aduanan nkron mu (1949) no, Nana Prempeh nom anisoadehunu no baa mu berɛ a wɔhyɛɛ aseɛ sɛ woresi suapɔn a wɔfrɛ no sɛ Kumasi College of Technology.[6]
Suapɔn no mu mpanimfoɔ
Suapɔn no mu mpanimfoɔ ahodoɔ no ne chancellor, ɔtitenani a ɔda University Council no ano ɛne vice-chancellor. ɛbɛsi afe mpem mmienu ne du nwɔtwe (2018) mu no, na Asantehene Otumfuo Osei Tutu II na ɔyɛ suapɔn no chancellor.[7]
Adesuafoɔ dwumadie wɔ suapɔn no amammuo mu.
Adesuafoɔ no nam KNUST Students' Representative Council (KNUST SRC) no so di dwuma ahodoɔ pii berɛ a wɔde wɔn nsɛm rehyɛ wɔn ananmusifoɔ ahodoɔ a wɔwɔ abadwakuo ahodoɔ bi te sɛ University Council, Academic Board, Welfare Services Board, Faculty and Departmental Boards, Residence Committee, Library Committee ɛne Hall Council ahodoɔ so.[8]
KNUST suapɔn ho wɔ hostels ahodoɔ pii a wɔagye atom, ɛmu pii no ara bɛn kampus hɔ nom. Ɛmfa ho ne adesuani bi sika a ɛkura no, obiara wɔ ne so ne ne deɛ.[9] Suapɔn no ankasa wɔ adan a wɔfrɛ no sɛ Hall ahodoɔ nsia a wɔde ma wɔn adesuafoɔ a ɛwɔ wɔn kanpus hɔ nom, dan biara no wɔn a wɔhwɛ so ne wɔn hall council a sukuu mpanimfoɔ ne adesuafoɔ na wɔyɛ kuo mma. Wɔwɔ ankorankorɛ adan a wɔfrɛ no sɛ hostels kakra bi na ɛwɔ wɔn kampus hɔ a ɛbi te sɛ GUSSS hostels, Brunei, ɛne Tek credit hostel. Panin a ɔda hall biara ano hwɛ wɔn dwumadie so ne wɔn hall master, a n'aboafoɔ no bi ne senior tutor. wɔsane nso wɔ hall bursar ɛne akyerɛkyerɛfoɔ ahodoɔ a wɔboa Hall biara dwumadiw.[10]
Adesuafoɔ bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduosia (60%) na wɔnte suapɔn no dan mu ankasa. Suapɔn no wɔ ankorankorɛ adan ahodoɔ a wɔde ma adesuafoɔ no da mu a atwa suapɔn no ho ahyia ɛne deɛ ato apete Kumasi kuro no mu, ɛsiane adan ho a kɔ atwee wɔ suapɔn no mu no nti, wɔntumi nyɛ adesuafoɔ pii mma wɔmmɛda suapɔn no mu.[16]
Suapɔn no wɔ facility ahodoɔ wɔ kampus hɔ a adesuafoɔ no tumi tena hɔ gye wɔn ahome suadeɛ berɛ wɔakɔ adesua kyiadan mu apɔn, ansa na wɔakɔ wɔn afie mu ne wɔn hostel ahodoɔ.[17]
Wɔ ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du nan mu no (2014), adesuafoɔ no dan a wɔdam a yɛfrɛ no Crystal Rose Hostel no egya tɔɔ ne soro baabi[18] berɛ a na adesuafoɔ no mu pii no ara wɔ akwamma mu. Adekorɔ a ɛde gya no bae no deɛ obiara nnim de bɛsi nnɛ.[19]
Ɛfiri afe mpem mmienu ne du reba du baako adesua mmerɛ no mu no Kɔlɛgy ahodoɔ no mu pii no ara di wɔn dwuma sɛ two-tier system, saa ara nso a afoforɔ nso di wɔn dwuma sɛ three-tier system dada no ara.
Kɔlɛgy of Agriculture and Natural Resources CANR
Faculty of Agriculture
Department of Agricultural Economics, Agribusiness and Extension[20]
Kɔlɛgy ahodoɔ a ɛhyɛ two-tier system no ase (Provost/Head of Department):
Kɔlɛgy of Art and Built Environment
Department of Communication Design
Department of General Art Studies
Department of Painting and Sculpture
Department of Integrated Rural Art/Industry
Department of Industrial Art
Department of Educational Innovations in Science and Technology
Department of Publishing Studies
Department of Architecture
Department of Building Technology
Department of Land Economy
Department of Planning
Centre for Settlements Studies
Centre for Land Studies
Kɔlɛgy of Engineering
Department of Agricultural Engineering
Department of Aerospace Engineering
Department of Chemical Engineering
Department of Civil Engineering
Department of Computer Engineering
Department of Electrical Engineering/Electronic Engineering & Telecommunication Engineering
Department of Geological Engineering
Department of Geodetic Engineering
Department of Geomatic Engineering
Department of Materials Engineering
Department of Mechanical Engineering
Department of Petroleum Engineering
Department of Reproductive Engineering
Kɔlɛgy of Science
Department of Biochemistry and Biotechnology
Department of Chemistry
Department of Computer Science
Department of Environmental Science
Department of Food Science and Technology
Department of Mathematics
Department of Optometry and Visual Science
Department of Physics
Department of Theoretical and Applied Biology
Department of Statistics and Actuarial Sciences
Institute of Distance Learning
Wɔ afe mpem mmienu ne num mu no (2005), KNUST suapɔn no gyee adesua a wotena fie sua no (distance learning) too mu sɛ ɛno nso bɛyɛ kwan wɔbɛfa so atete afoforɔ te sɛ wɔn a wɔtena suapɔn no mu gye wɔn nteteeɛ no. Wɔgyee saa nsusuiɛ yi too mu sɛ deɛ ɛbɛyɛ akwanya de ama wɔn a wɔyɛ adwuma da mu no nyinaa a wɔntumi mma suapɔn no mu mmɛgye nteteeɛ no bɛnya abɔdin krataa afiri Kwame Nkrumah suapɔn no mu, berɛ korɔ no ara mu no nso na wɔreyɛ wɔn nnwuma.[25]
Wɔ Ahinime bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne nson mu no (2007), abadwakuo a yɛfrɛ wɔn Academic Board no sesaa Faculty of Distance Learning no din ne ɛmu duro de kɔɔ Institute of Distance Learning.
Library ne digital resource ahodoɔ
KNUST suapɔn no wɔ Library a nwoma ahodoɔ a wɔahyehyɛ agu dam kɛseɛ mu ne deɛ ɛwɔ abɛɛfo ntentan fidie so a akyerɛkyerɛfoɔ ne adesuafoɔ tumi kɔkenkan bi a wɔde reboa adekyerɛ, adesua ne nhwehwɛmu wɔ abɔdeɛ nyansapɛ ne abɛɛfo kwan a wɔfa so di dwuma mu a wɔde boa ɔman mpuntuo. ɛhɔ ne suapɔn no beaeɛ a wɔde wɔn nwoma ahodoɔ nyinaa guo, sɛ wɔtwerɛɛ no wɔ Ghana anaa amanɔne nnwumakuo ahodoɔ mpo bi te sɛ World Bank ɛne United Nations nnwumakuo ahodoɔ no.[26]
Wobɛtumi anya nwoma no bi wɔ abɛɛfo ntentan fidie so wɔ Open Educational Resource (OER) saa ara nso na wobɛnya bi wɔ DSpace repository so.[27]
The Open educational resources (OER)[28] ɛyɛ Kwame Nkrumah University of Science and Technology nkorabata a ɛboa nkitahodie wɔ curricula so, course materials, and content; generates connections between disciplines, teachers, and learners; and inspires use of educational materials in a more effective way.[29]
KNUST Online Repository[30] ɛyɛ suapɔn no abɛɛfo digital repository.
Agyekum, Kofi; Simons, Barbara; Botchway, Seth Yeboah (30 November 2018). "Factors influencing the performance of safety programmes in the Ghanaian construction industry". Acta Structilia. 25 (2): 39–68. doi:10.18820/24150487/as25i2.2. ISSN 1023-0564.
"Prempeh, Ii, Otumfuo Sir Osei Agyeman, (1892–1970), nephew to late Nana Agyeman Prempeh I; Kumasihene and direct descendant of late King Osei Tutu, the Founder of Ashanti Empire; Hon. Zone Organiser (With rank of Hon. Lt-Col) in Home Guard, 1942". Who Was Who. Oxford University Press. 1 December 2007. doi:10.1093/ww/9780199540884.013.u54595.
August 11, 1948: The University College of the Gold Coast is established by Ordinance". Edward A. Ulzen Memorial Foundation. Retrieved 28 January 2022.
"Hindmarsh, Irene, (born 22 Oct. 1923), Principal, St Aidan's College, University of Durham, 1970–88; Second Pro-Vice-Chancellor, University of Durham, 1982–85 (Pro-Vice-Chancellor, 1970–88)". Who's Who. Oxford University Press. 1 December 2007. doi:10.1093/ww/9780199540884.013.20250.
"KNUST Students' Representative Council". Official Website. Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Archived from the original on 27 August 2009. Retrieved 29 October 2009.
"Court rules school must provide student's approved accommodation". Campus Legal Advisor. 18 (3): 9. 17 October 2017. doi:10.1002/cala.30670. ISSN 1531-3999.
"Halls of Residence". Official Website. Kwame Nkrumah University of Scienhostel tice and Technology. Archived from the original on 18 June 2013. Retrieved 29 October 2009.
Agyekum, Kofi; Simons, Barbara; Botchway, Seth Yeboah (30 November 2018). "Factors influencing the performance of safety programmes in the Ghanaian construction industry". Acta Structilia. 25 (2): 39–68. doi:10.18820/24150487/as25i2.2. ISSN 1023-0564.
"Hostel Tips for students". Official Website. Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Archived from the original on 18 June 2013. Retrieved 29 October 2009.
Hutton, Jim (18 December 2017). "Prepare students before sending them to earthquake-prone study abroad locations". Campus Security Report. 14 (9): 1–6. doi:10.1002/casr.30332. ISSN 1551-2800.
Scroggs, Claud L. (December 1975). "The Relevance of University Research and Extension Activities in Agricultural Economics to Agribusiness Firms". American Journal of Agricultural Economics. 57 (5): 883–888. doi:10.2307/1239098. ISSN 0002-9092. JSTOR 1239098.
AK, Egote; PPS, Ossei; E, Agyeman-Duah; E, Quarshie; J, Taylor (June 2018). "Age as a risk factor for prostate diseases: A 6-year selective prospective study among males in the Brong Ahafo region of Ghana". The Journal of Medical Research. 4 (3): 154–157. doi:10.31254/jmr.2018.4310. ISSN 2395-7565.
Quee, Dan David; Sierra Leone Agricultural Research Institute (SLARI), Njala Agricultural Research Centre (NARC), Freetown, P.O Box 540, Sierra Leone. Sarkodie-Addo, Joseph; Crop and Soil Sciences Department, Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) Kumasi, Ghana. Conteh, Abdul Rahman; Sierra Leone Agricultural Research Institute (SLARI), Njala Agricultural Research Centre (NARC), Freetown, P.O Box 540, Sierra Leone. Tarawali, Abdul Rahman; Sierra Leone Agricultural Research Institute (SLARI), Njala Agricultural Research Centre (NARC), Freetown, P.O Box 540, Sierra Leone. (21 January 2016). Assessment of Weed Management Strategies on Growth and Yield of Cassava (Manihot esculenta Crantz) in Ghana. Global Society of Scientific Research and Researchers. OCLC 942772318.
"Open Educational Resources (OER)". Official Website. Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Archived from the original on 13 October 2009. Retrieved 29 October 2009.
"Kwame Nkrumah University of Science and Technology - Digital Library Services". Official Website. Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Archived from the original on 12 October 2009. Retrieved 29 October 2009.