![cover image](https://wikiwandv2-19431.kxcdn.com/_next/image?url=https://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/5/5e/Erectile_dysfunction.jpg/640px-Erectile_dysfunction.jpg&w=640&q=50)
Kɔtewuiɛ
From Wikipedia, the free encyclopedia
Kɔtewuiɛ a wɔsan nso frɛ no krawa, yɛ nna mu haw wɔ mmarima mu a ɛma no yɛ den ma mmarima sɛ wɔn kɔte bɛsɔre agyina so mmerɛ kakra anaa sɛ ɛbɛyɛ den berɛ a wɔne ɔbaa rebɛhyia mu wɔ nna mu no.Ɛno ne nna mu haw pa ara wɔ mmarima so na ɛbɛtumi mpo ama obi anya adwenem haw ɛsiane sɛdeɛ nipa no hunu ne ho na ɔntumi ne ɔbaa nhyia mu no nti.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
subclass of | sexual dysfunction, reproductive system symptom, Nyarewa ![]() |
---|---|
health specialty | urology, psychiatry, Saekɔlɔgye, sexology ![]() |
possible treatment | psychotherapy ![]() |
ICPC 2 ID | Y07 ![]() |
NCI Thesaurus ID | C3133 ![]() |
Kɔtewuiɛ a adɔɔso no gyina nneɛma binom a yɛde yɛn ani hunu na ɛbɛtumi aha yɛn no ne deɛ yɛtumi susu no.Yɛbɛtumi akyekyɛ saa nneɛma yi mu sɛ vascular, neurological,local penile, hormonal, ne drug-induced.Kɔtewuiɛ ho nsusuiɛ no bi ne yareɛ a ɛnya nipadua no nyinaa,akoma ne mogya mu yareɛ, asikyire yareɛ, mogyaborosoɔ,ahonhono,mogya mu nsuo mmorosoɔ, yareɛ a wɔfrɛ no hypogonadism, nnubɔnenom, wobɛtɔ baha,ne nnuronom.Wɔde nsɛm ahodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyekyɛmu du(10%) ma adwenem ne nkitahodie a wobɛhunu nneɛma binom te sɛ, wobɛtɔ baha,brɛ, ne ayɔnkofa mu haw. Yareɛ a ɛne kɔtewuiɛ sesɛ no, ɛbi te sɛ priapism no nyɛ pɛ.