Gold Coast (British colony)
From Wikipedia, the free encyclopedia
Sika Mpoano(pronounciation of "Sika Mpoano" (help·info)) yɛ Akan nkyerɛase firi borɔfo kasa no ne "Gold Coast". Ngyiresi aborɔfo a na wɔdi tumi wɔ Akanfo na amanaman a wɔbɛn wɔn no, too asaase no din Sika Mpoano ɛnam sikamfutuw a na ɔwɔ asaase no so no. Na Sika Mpoano no yɛ British mpanimfoɔ amanbuo wɔ "Gulf of Guniea" a ɛwɔ Abibirim Atɔeɛ efiri afe apem ahanwɔtwe ne aduonu baako kɔsii sɛ wɔnyaa fahodie wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson.[1] Edin Gold Coast yɛ edin a na wɔde kyerɛkyerɛ tumidie ahorow nan a na wɔhyɛ Sika Mpoano aban no ase. Woei ne Sika Mpoano no ankasa, Ashanti," North Territories Protectorate" ne "British Togoland trust territory".[2]
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Aborɔfoɔ a edikan bɛtena mpoano hɔ no yɛ Portuguesefoɔ wɔ afe apem ahanan ne aduoson baako (1471). Ɔmo dii abibifoɔ ahenkrow bebiree so, a na sika kɔkɔɔ hyehyɛ asase no bi so.[3] Wɔ afe apem ahanan ne aduowɔtwe mmiɛnsa (1483) no, Portuguesefoɔ no baeɛ ɔman no mu bɛhyɛɛ dwadie mu kena.[4] Wɔsii "Elmina Castle", Europeanfoɔ a adikan no bɛtenaa Sika Mpoano. Ɛhɔ na wɔfirii aseɛ faa nkoafoɔ ne sika kɔkɔɔ a na wɔde tɔ European nnoɔma bi te sɛ sikan dadeɛ, ntɔmma, ahwehwɛ, anantwie ne atuo.[5] Wɔn asetenaa no bɛyɛ yie ma British, Dutch, Danish, Prussian ne Swedish tee nkaebɔ no maa wɔn dwadifoɔ nso baa hɔ.[6]