![cover image](https://wikiwandv2-19431.kxcdn.com/_next/image?url=https://upload.wikimedia.org/wikipedia/commons/thumb/8/86/Chapter1figure1-Superficial_bullet_wound.jpg/640px-Chapter1figure1-Superficial_bullet_wound.jpg&w=640&q=50)
Ekuro
From Wikipedia, the free encyclopedia
Sɛ nneɛma nkete(tissue) a ɛkeka bom ma yɛn honam no tumi yɛ honam no bi sɛe a na ɛtumi yɛ ekuro.[1][2] Nipaduano fa baabi anaa honam no bɛtumi ate kyema mpofirimu ma ɛde ekuro aba. Nhwɛsoɔ ne sɛ adeɛ bɛtwa obi. Ɛbi wɔ hɔ nso a, ɛmma mpofirimu. Ɛno deɛ, ɛyɛ a nyarewa bi na ɛde ba. Nkakrankakra, nyarewa bi te sɛ asikyireyareɛ, tumi de biribi a ɛte saa ba. Ekuro tumi yɛ honam honamani. Saa ara nso na ɛna yadeɛ anaa akwanhyia bi so, yɛtumi nya no nipadua no mu. Sɛ ebia, yɛn tiri mu[3]. Ekuro gu ahodoɔ bebree. Ebara ne sɛdeɛ ɛte. Sɛdeɛ ɛsi teɛ no taa gyina deɛ ɛde baeɛ ne baabi a ɛwɔ so.[1][2] Ɛwɔ obi ho hyɛ na sɛ wɔanyɛ ho hwee a, Ɛtu. Tu a Ɛtu no nyinaa ne sɛ, ɛyɛ kɛseɛ sene sɛdeɛ na ɛte dada no. Ɛba obi ho nso a ɛtumi hyɛ anaa ɛtumi nso kɔ ntɛm. Akwan a wɔfa so sa kuro no yɛ bebree, na ɛgyina kuro korɔ anaa baabi a ɛwɔ so .[4]
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu