From Wikipedia, the free encyclopedia
Dompe mu kokoram(bone tumor) yɛ nyini a nipadua no mu tissues binom nyini berɛ a ɛnsɛ sɛ ɛfa saa kwan no so nyini wɔ obi nnɔmpe mu .[1]ɛso nsunsuansoɔ no bi ne thyroid, berɛboɔ mu yadeɛ ne dwonsɔtwaa mu yadeɛ.[1] Sɛ obi nya saayadeɛ yi a, nneɛma a ɛtaa da adi wɔ ne nipadua no mu titiriw ne nompe mu yaw, ne deɛ ɛkeka ho.[1] Mpeɛn pii no dompe mu yadeɛ yi ne biribi a wɔfrɛ no pathologic fracture na ɛnam.[1] Nsɛnkyerɛnne nkaeɛ bi nso ne ahoɔhyeɛ, ɔbrɛ, sɛ obi so bɛte anaa ɔbɛfɔn, mogyasoteɛ ne abofono.[2] Ebi wɔ hɔ a, saa nsɛkyerɛnne yi mu biara nna ne ho adi, mom, wɔreyɛ yareɛ foforɔ bi ho nhwehwɛmu a na wɔtaa hunu .[3][2]
Kwan a wɔfa so hwehwɛ dompe mu kokoram ne X-ray. Wɔde mfidie a ɛtumi kyerɛ dompe no fa a yadeɛ no wɔ di dwuma a, ɛho dwumadie ɛnyɛ den koraa.[1] Wɔtumi nso nam mogya mu nhwehwɛmu so hunu sɛ obi wɔ dompe mu kokoram anaasɛ onni bi a. Sɛ wɔreyɛ berɛboɔ ho nhwehwɛmu nso na sɛ nipa no wɔ dompe mu kokoram a wɔtumi hunu .[1] Wɔtumi nso hwɛ nipa no mogya mu hunu Bence Jones protein a ɛwɔ mu. Uno nso tumi kyerɛ yɛn sɛ obi wɔ dompe mu kokoram anaa onni bi.[1] [4]
Ahodoɔ a a wɔnim firi tete ne noncancerous( deɛ ɛhyɛɛda nnokoroo ɔyarefoɔ no papa) ne cancerous( deɛ adokoro ɔyarefoɔ no).[1] Dompe mu kokoram ho nsɛnkyerɛnne no taa ne soft tissues deɛ sesɛ.[5] Afe mpem mmienu ne aduonu mu no, WiaseKubaatan a ɛhwɛ apɔɔmuden so World Health Organization (WHO) yɛ nsakraeɛ wɔ dompe mu kokoram nkyekyɛmu no ho.[6] Wɔn deɛ no deɛ, ahodoɔ a wɔde baeɛ no ne cartilage tumors, osteogenic tumors, fibrogenic tumors, vascular tumors, osteoclastic giant cell-rich tumors, notochordal tumors, other mesenchymal tumors, ne hematopoietic.[5]
Kokoram korɔ a atɔ dompe no mu no na wɔgyina so de sa ma ho ayarehwɛ.[3] Yɛwɔ adɔkotafoɔ animdifoɔ a wɔakwadare wɔ dumpe mu yareɛ sa ho. Saa nkorɔfoɔ yi wowɔ wɔn asoeɛ ne ayaresabea ahodoɔ a wɔma ayarehwɛ wɔ hɔ.[1] Akwan ahodoɔ a ɔmanfoɔ a wɔwɔ dompe mu komoram fa so gye ayarehwɛ no bi na ɛdidi soɔ yi.
Chemotherapy ne radiotherapy boa pa ara, berɛ a kokoram no yɛ Ewing's sarcoma. Yei yɛ ampa deɛ, nanso, mpɛn pii no, ɛyɛ a nyɛ kokoram ahodoɔ no nyinaa na ɛtumi sa. Ebi ne chondrosarcoma).[7][8][9]
Wɔtaa de wɔn a wɔwɔ saa haw yi no to nnuro so, sɛ ebia, nnaawɔtwe biara, wɔbɛnom. Saa nnuro no ma wɔn nnɔmpe ahoɔden no tumi kɔ anim kakra. Ebi ne Strontium-89 a wɔma wɔfa no bosome biara.
wɔtumi nso nam oprehyɛn so sa dompe mu kokoram.[10][11][3] [1][12][13][14][15][16]
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.