Blighia sapida
From Wikipedia, the free encyclopedia
Bligha Sapida anaa Ackee yɛ din a wɔde ma dua bi a ɛso aba a wɔfrɛ no ackee wɔ (Caribbean island) apuieɛ fam. Whɛ - Melicoccus bijugatus.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ackee, a yɛsan nso nim no sɛ achi, akee anaa ackee no yɛ aduaba a ɛka Sapindaceae( soapberry) abusuakuo no ho. Ne nhyi ne Abibrem Atɔeɛ (West Africa).[1] [2]Abɔdeɛ mu Nyansapɛ din a ɛda so no de animuonyamhyɛ ma Captain William Bligh a ɔde aduaba no firi Jamaica man mu baa beaeɛ a wɔfrɛ hɔ (Royal Botanical Gardens) a ɛwɔ Kew, England abrokyiman mu wɔ afe apem, ahankron ne aduɔson mmeɛnsa(1793).[3] Wɔnyaa borɔfo din a ɛda so no firii Abibrem Atɔeɛ kasa Akan nsɛmfua "akye fufo " mu.[4]
Ɛwom sɛ firi mmere tenten yenim sɛ Blighia Sapida wɔ awuduro a ano yɛ nam pa ara, [5] nanso, wɔkyerɛ sɛ, aduradeɛ a ɛwɔ n'aba no ho no, sɛ ɛbere na wɔnoa a ɛyɛ dɛ pa ara [6] na ɛno ne su a Caribia nnuane( Caribbian cuisines) ahodoɔ no nyinaa wɔ.[7] Ackee yɛ aduaba a ɛnyɛ na wɔ Jamaica man mu na wɔnim no sɛ aduane.[8]