Babasokraman
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Kasa mu
Babasokraman a wɔsane nso frɛ no Sifilis (/ˈsɪfəlɪs/) yɛ yareɛ bi a wɔnya firi nna mu a mmoawa Treponema pallidum pallidum na ɛde ba[1]. Nsɛnkyerɛne ahodoɔ a εfa babasokraman ho no gyina nnoɔma nnan so[2]. Wɔ deɛ ɛdi kan mu no, wɔtaa de chancre baako (yareɛ bi a esi honam so a ɛnyɛ ya, na ɛnkeka, na ne tɛtrɛtɛ yɛ 1 cm ne 2 cm ntam) na ɛwɔ hɔ nanso ɛtumi yɛ akuro pii[2]. Sɛ obi nya babasokraman a ɛtɔ so mmienu a, nsaa tumi gu ne nsa ne ne nan ase[2]. Ɛkuro nso tumi ba deɛ ɔyare no ano anaa n'ase[2]. Sɛ obi nya babasokraman no bi a, ɛtumi tena hɔ mfeɛ pii a, ɛnyi ne ho sɛ ɔwɔ yare bi[2]. Sɛ obi nya babasokraman a, ɔhwɛ sɛ ɔbɛnya kuro a ɛnyɛ kokuroo (gummas), ne nsono mu haw, anaa komayareɛ[3]. Babasokraman yɛ yareɛ a nkurɔfoɔ frɛ no "suasuafoɔ kɛseɛ" efirisɛ ɛbɛtumi ama obi anya nyarewa a ɛte sɛ yareɛ afoforɔ pii.
Wɔtaa nya babasokraman wɔ nna mu[2]. Wɔ tumi nso nya firi ɛna hɔ akɔ abofra no so wɔ nyinsɛn anaa awoɔ mu, a deɛ ɛde ba ne nyinsɛn mu nneyɛɛ ahodoɔ bi[2][4]. Yareɛ afoforɔ a Treponema mmoawa no de ba no bi ne yaws (T. pallidum subspecies pertenue), pinta (T. carateum), ne nonvenereal endemic syphilis (T. pallidum subspecies endemicum)[3]. Yareɛ ahodoɔ yi mu mmiɛnsa no ntaa mfa nna mu na ɛba[5]. Yareɛ no ho nhwehwɛmu no taa fa mogya mu nhwehwɛmu so; wɔbɛtumi de dark field microscopy nso ahunu yareɛ mmoawa no[2]. Centers for Disease Control and Prevention (U.S) hyɛ nkuran sɛ wɔnhwehwɛ nyinsɛn nyinaa mu[2].
Sɛ obi latex de anaa polyurethane condom di dwuma a, ɛbɛtumi ama yareɛ no so ate[2]. Wobɛtumi de nnuru a ɛko tia yareɛ mmoawa adi nyarewa no ho dwuma yie[4]. Nnuru a wɔgye tom sɛ ɛko tia yareɛ mmoawa di dwuma wɔ nnipa dodoɔ no ara mu ne a benzathine benzylpenicillin a wɔde wɔ obi ntini mu[4]. Wɔ wɔn a wɔwɔ penicillin allergyho nsanyare a emu yɛ den mu no, wɔbɛtumi de doxycycline anaa tetracycline adi dwuma[4]. Wɔ wɔn a wɔwɔ neurosyphilis mu no, wɔhyɛ benzylpenicillin anaa ceftriaxone a wɔde fa ntini mu no ho nkuran[4]. Berɛ a wɔreyɛ wɔn saa no, wɔtumi nya atiridii, tipaeɛ, ne ntini mu yaw, a wɔfrɛ no Jarisch–Herxheimer.