Apollo
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Apollo yɛ aniwa fitaa no akyi yaw a ɛba aniwa no mu ne ani ntɔn nwi no mu[1]. Ɛma aniwa no yɛ kɔkɔɔ. Ɛbɛtumi ayɛ yaw, ahyehye, na akeka, anaa atwetwe wo[2]. Beaɛ a yareɛ no aka no bɛtumi ama asusu pii afiri aniwa no mu anaa "ayɛ sɛ n'ani afura" anɔpa[2]. Aniwa fitaa no nso betumi ahono[2]. Ani a ɛkeka no ho nsunsuansoɔ nso taa ba[3].
Nea ɛtaa de yareɛ yi ba mpanimfoɔ mu ne yareɛ no sae, nanso mmɔfra mu no, yareɛ mmoawa na ɛtaa de ba[4][5]. Yareɛ no tumi ba ɛde nsɛnkyerɛnne afoforɔ na ɛtaa ba.[1] Nnansa yi, yareɛ mmoawa tumi trɛ ntɛmntɛm wɔ nnipa mu[1]. Mpɛn pii no, nsɛnkyerɛne no na ɛma wohunu sɛ obi anya yare no bi. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde nsuo no bi kɔ kɔyɛ ho adwuma[1].