Ahokeka
From Wikipedia, the free encyclopedia
Ahokeka(ɛsane de "pruritus") ɛyɛ atenka a ɛma wo ho yɛ hene na ɛsan ma wo titi wo ho .[1] Mpen pii no ahoɔhene pɛ sɛ ɛbɛka atenka a nipadua no wɔ no mu baako nanso anyɛ yie. Ahoɔhene wɔ nsosoesoɔ bebree a ɛne honamyaw sɛ, ɛnam sɛ ne nyinaa ɛnyɛ atenka a ɛma anigyeɛ nti, wɔn nneyɛe sesa wɔ akwan bebree so. Honamyaw ma w'ani ba wo ho so ntɛm ɛna ahoɔhene nso ma wo titi wo ho ma no watiri. [2]
Ntini a ɛwɔ ɛnam nipadua no mu kɔ adwenemu nso yɛ hene na yaw wei nyinaa ba honam ani; bio, adwuma a wɔn nyinaa di ne sɛ wɔn boaboa wɔn ho wɔ nipadua no beaeɛ baabi na wɔn nyinaa fa ntini ne "spinothalamic tract"[3]