bosome a ɛto so wotwe wɔ afe mu From Wikipedia, the free encyclopedia
Ɔsanaa(pronounciation of "Ɔsanaa" (help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe no mu.[1] Ɛhyɛ Kitawonsa ne Ɛbɔ bosome no ntɛm. Kitawonsa bosome no di Ɔsanaa bosome no anim wɔ afe no mu ɛna Ɛbɔ bosome no di Ɔsanaa bosome no akyi wɔ afe no mu.[1][2] Ɔsanaa borofo din August no fi edin Augustus Caesar mu efiri sɛ yɛ de bosome no to no. Ɔsanaa wɔ ennafua eduasa baako. Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so enum a ɛwɔ ennafua eduasa baako. Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa baako te sɛ abosome Ɔpɛpɔn, Ɔpɛnimma ne Ɔbɛnem.[3][4]
Ɔsanaa yɛ edin a Akanfoɔ a wɔwɔ ɔman Ghana mu de ma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe no mu. Ɔsanaa bporɔfo din de August.[2][1] Ɔsanaa bosome yɛ ofupɛ bere. Ɛyɛ bere a ɛtwatoɔ wɔ nsu toɔ bere a edin kan wɔ anaafo fam wɔ ɔman Gaana mu a ɔman no retwen nsu toɔ bere a ɛtɔ so mmienu wɔ afe no mu. Ena ɛyɛ nsu toɔ bere wɔ atifi fam wɔ ɔman Gaana mu.[5][6]
Ɔsanaa bosome wɔ afahyɛ ahorow a a Gaanafoɔ edi. Ebi ne
Yaa Asantewa afahyɛ. Eyɛ nkaedi afahyɛ a Asantefo di de kae Yaa Asantewaa- Asantehemaa kokodurufo a odii asantefo anim ko tiaa Britaniafo.[7][8]
Akwambo, Homowo, kundum, Odambea, Panafest, , Kente, Asafotu-fiam, Damba ne 'founders day'
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.