Wiase Mu Nnipa Dodoɔ
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wɔ nnipa dodoɔ ho adesua mu no, nnipa dodoɔ a wɔwɔ wiase no yɛ nnipa dodoɔ a wɔte ase nnɛ. Amanaman Nkabom no buu akontaa sɛ ɛbɛduru Ahinime bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu (November 2022) no, na nnipa dodoɔ no aboro ɔpepepem awɔtwe. Ɛdii mfeɛ mpem aha mmienu (200,000) wɔ nnipa abakɔsɛm mu ansa na nnipa dodoɔ no aduru ɔpepepem baako, na edii mfeɛ aha mmienu ne du nkron (219) pɛ ansa na nnipa dodoɔ no aduru ɔpepepem nwɔtwe (8).[3]
Nnipa dodoɔ akɔ soro berɛ a ɔkɔm kɛseɛ a esii wɔ afe apem aha mmiɛnsa ne du num (1315) ne afe apem aha mmiɛnsa ne du nson (1317) no baa awieɛ, berɛ a Black Death a ɛbaa afe apem aha mmiɛnsa aduonum (1350) no baa awieɛ no. Saa berɛ no, na nnipa dodoɔ no bɛyɛ ɔpepe aha mmiɛnsa ne aduoson (370,000,000).[4] Wiase mu nnipa dodoɔ a ɛkɔɔ soro paa, a ɛboro ɔha nkyem baako ne akyiri pɔ nwɔtwe (1.8%) afe biara, sii wɔ afe apem aha nkron aduokron nnum (1955) ne afe apem ahankron aduoson nnum (1975) ntam, berɛ a ɛkɔɔ soro wɔ ɔha nkyem mmienu akyiri pɔ baako (2.1%) wɔ afe apem ahankron aduosia (1965) ne afe apem ahankron aduoson (1970) ntam no.[5] Nkɔsoɔ no so tee ɔha nkyem baako akyiri pɔ baako (1.1%) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunum (2015) ne mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) ntam, na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛduru afeha a ɛto so aduonu baako (21) mu no.[6] Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa da so ara renya nkɔanim, nanso esiane awo ne owuo a ɛresesa nti, nnipa pii nnim ɔkwan a wɔbɛfa so anya nkɔanim.[7] UN Asoɛe a Ɛhwɛ Sikasɛm ne Nnipa Ntam Nsɛm so kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem nkron (9) kɔsi ɔpepepem du (10) na wɔbɛtena hɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2050) mu, na ɛkyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem du 10 kɔsi ɔpepepem du mmienu (120 na wɔbɛtena hɔ wɔ afeha a ɛto so aduonu baako (21) no awieɛ mu, na saa berɛ no, nnipa dodoɔ a wɔbɛtena hɔ bɛyɛ ɔpepepem 0. Nnipa ho abenfo binom kyerɛ sɛ nnipa dodoɔ no bɛfiri ase so wɔ afeha a ɛto so aduonu mmienu (21) no fa a ɛto so mmieu mu.[8]
Mprempren (2015 - 2020) awo dodoɔ wɔ wiase nyinaa yɛ ɔpepem ɔha aduanan (140/afe), a wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ soro wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonan ne mfeɛ mpem mminu ne aduanan nnum (2040 - 2045) mu wɔ ɔpepem ɔha aduanan baako (141/afe) na afeɛ aka nkakrankakra akɔ ɔpepem ɔha aduonu nsia (126/afe) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne ɔha (2100) mu.[6] Nnipa dodoɔ a wowuwu afe biara yɛ ɔpepem aduonum nson (57), na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛduru mfeɛ mpem mmienu ne ɔha (2100) mu no, ɛbɛduru ɔpepem ɔha aduonu baako (121).[6] Nnipa dodoɔ a wɔwoo wɔn wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) mu no dodoɔ yɛ mfeɛ aduosa (31).[9]