Kpandai (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)
From Wikipedia, the free encyclopedia
Kpandai (pronunciation of"Kpandai") (help·info)yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no ho. Wɔyi mmarahyɛbadwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Kpandai wɔ Ghana atifi mantam. Mmarahyɛbedwani a ɔte mpesua no akonnwa no so seisei ne Daniel Nsala Wakpal. Ɛnam kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so na wɔtoo no so aba yii no ma no nyaa mma mpem mmienu ne aduoson mmiɛnsa (2,073) a ɛyɛ mma dodoɔ a ɔnya kyɛnn n'sɔretiafoɔ a ɔde dii nkunim wɔ mpesua no abatoɔ nom de bɛyɛɛ mmarahyɛbadwanii.[1] Ɔbɛgye akonnwa no firii Mathew Nyindam a ɔyɛ mmarahyɛbedwanii a ɔgyina maa mpesua no wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nsia wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anan mu ɛna ɔsane nyaa akwanya biom gyina maa mpesua no mfeɛ nan biom wɔ berɛ ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia biom wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nson wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anan mu. Ɛno akyire no "Deputy Chief" no dii ntwo maa n'sɔretiafoɔ, Daniel Nasal Wakpal a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress[2] aberɛ a ɔnyaa mma mpem aduonu mmienu,ahannsia ne aduosia nkron(23,669) tia Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamusini no mma mpem aduonu num, ahankron ne aduanan baako (25,941). Mmarahyɛbadwanii ma Kpandai mpesua Daniel Nsala Wakpal yɛ anamusini ma mmarahyɛbadwafoɔ a yɛtoo wɔnso aba yii wɔn wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) Ghana mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nson wɔ Kyiniiɛ a amanyɔkuo National Democratic Congress anan mu.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu