Kintampo North(About this soundsɛnea yɛbɔ "Kintampo North" ) mpasua no ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana mmarahyɛbadwafie no ho.Wɔ abatoɔ berɛ biara mu no, woyi ananmusini baako ma no gyina mpasua no ananmu wɔ mmarahyɛbadwafie.Kintampo North mpasua no wɔ Kintampo Mansini a ɛwɔ Bono Atifi fam Mantam a ɛwɔ Ghana.

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nhwehwemu ntem Mantam, Mprenpren mpɛsoa ...
Kintampo North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
Thumb
MantamBono East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress (NDC)
MPJoseph Kwame Kumah
To mu

Ɛhyeɛ

Mpasua no hyeɛ ahodoɔ nyinaa wɔ Kintampo Mansini a ɛwɔ Bono Atifi Mantam a ɛwɔ Ghana.

Abatoɔ

Stephen Kunsu na na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma saa mpɛsoa no wɔ berɛ a wɔtoo afe 2008 abatoɔ no.. Ɛnam kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so na wɔtoo no so aba ma no nyaa mma mpem nan, ahasa ne aduoson mmiɛnsa[1] de dii nkunim de bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii. Ɔsane nso gyinaa hɔ maa saa mpɛsoa no wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan no mu.

Wɔ afe 2020 abatoɔ no mu no,Michael Sarkodie Baffoe a ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no muni no nyaa mma no mu ɔha mu nkyekyem eduonu-nnum ne ekyiripɔ nnum(25.5). Joseph Kwame Kumah a ɔyɛ National Democratic Congress amanyɔkuo no muni no nso nyaa mma no mu ɔha mu nkyekyemu eduoson nnan ne ekyiripɔ nnan(74.4). Joseph Kwame Kumah na edii nkunim wɔ abatoɔ no mu.

Firi berɛ a wofirii aseɛ too aba wɔ mpasua no so no, National Democratic Congress amanyɔkuo no nko ara na adi nkunim wɔ abatoɔ biara a wɔato wɔ mpasua no so no mu.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Wikiwand in your browser!

Seamless Wikipedia browsing. On steroids.

Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.

Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.