Ayaresabea
Baabi a sɛ obi yare a ɔkɔgye ayarehwɛ / From Wikipedia, the free encyclopedia
Ayaresabea yɛ beaɛ a potɔ kasa mu no ɔfrɛ no 'hospital' ɛyɛ beaɛ a ɔnam nimdeɛ kwan so ne abɛɛfo nfidie so de hwɛ nnipa apomuden so. Ayaresabea a ɛnipa pii taa nim no, ɔfrɛ no ayaresabea kɛseɛm, potɔ kasa mu no, ɔfrɛ no 'general hospital',ɛhɔ no, ɔwɔ beaɛ a ɔhwɛ nnipa ntɛmpara so, sɛ mpofirimu ara gya hyehyeɛ bi ba anaa sɛ akwanhyia bi anaa yareɛ kye obi mpofirimu a ɔde nnipa no kɔ saa beaɛ hɔ, potɔ kasa mu no ɔfrɛ hɔ 'emergency department'. Mansini ayaresabea nso yɛ ayaresabea ɔwɔ ayaresa ho nnoɔma de hwɛ ayarefoɔ ebi te sɛ mpa ne deɛ ɛkɛka ho. Ɔsan nso wɔ mpa ma ayarefoɔ a wɔ gye wɔn to hɔ hwɛ wɔn mmerɛ kakra. Afei nso ɔsan wɔ ayaresabea ahodoɔ a wɔn atu wɔn ho asi hɔ ama nyarewa titiriw bi, potɔ kasa mu no, ɔfrɛ no 'Specialized hospitals'.ebi ne 'Truma centers' ɛhɔ yɛ beaɛ a wɔn hwɛ wɔn a w'apira kɛse paa, ebi te sɛ etuo abɔ obi 'rehabilitation hospital' ɛhɔ nso yɛ beaɛ wɔn hwɛ nkrɔfoɔ a wɔn nom nsa ne nnubɔnee, 'Childrens hospital' ɛhɔ nso yɛ nkɔdaa ayaresabea ɛne deɛ ɛkeka ho.