mmarahyɛbadwafie mpɛsoa a ɛwɔ Ghana Bono-Apueɛ Mantam mu From Wikipedia, the free encyclopedia
Atebubu-Amantin(sɛnea yɛbɔ "Atebubu-Amantin" (help·info)) mpɛsoa a ɛwɔ Atebubu-Amantin mansini a na ɛyɛ Atebubu mansini wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa nom.[1] "Legislature instrument L1 1770" na ɛtee Atebubu-Amantin mpɛsoa no. Wobɛhunu mpɛsoa no wɔ Bono apueɛ mantam, a na ɛka Bono-Ahafo mantam Ghana.[2]
Atebubu-Amantim | |
---|---|
Mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam | |
Mantam | Bono East Region of Ghana |
Mprenpren mpɛsoa | |
Amanyɔkuo | National Democratic Congress |
MP | Sanja Nanja |
Emmanuel Owusu-Mainu na na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma saa mpɛsoa no aberɛ a ɔtee mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu wieeɛ no. Wɔtoo no so aba yii no mprenu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan ne mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom.[3] Na ɛnam kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no ɔdii nkunim a ɔnyaa mma mpem ahaasa,ɔha mmiɛnsa ne aduokron num a ɛyɛ mma dodoɔ.[4] Ɛnam saa nti ɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa no sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwa a ɛtɔ so nan ne num wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana. Sanja Nanja a na ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress dii Emmanuel Owusu-Mainu n'adeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mmarahyɛbedwam abatoɔ berɛ wɔsɛe mmarahyɛbedwa a ɛtɔ so num wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.[3] Ɔsane nso gyinaa hɔ maa mpɛsoa no sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so nsia wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana nom.[5] Ɛno akyire na ɔgyinaa hɔ maa Atebubu-Amantin mpɛsoa sɛ mmarahyɛbedwanii wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ nson wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.