Akrofuom ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Akrofuom abatoɔ mpesua no wɔ Obuasi mansini abatoɔ mpesua kɛseɛ no mu a ɛwɔ Asante mantam wɔ Ghana. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbedwam akonnwa abatoɔ mu no na wɔtee mpesua no.

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nhwehwemu ntem Mansini, Mantam ...
Akrofuom
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
Thumb
MansiniObuasi Municipal District
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPAlex Blankson
To mu

Ɛhyeɛ

Akonnwa no wɔ mansini adantam mansini a ɛwɔ Asante mantam wɔ Ghana.

Abakɔsɛm

Abatoɔ kɔmisa ne nnipa afoforɔ bɛyɛ aduonu nkron na wɔdiikan sii saa mpɛsoa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan a ɛtumi tuu mpɛsoa ahodoɔ nom firii ahanu de kɔsi ahanu ne aduasa.[1] Akrofuom abatoɔ mpesua no ka abatoɔ mpesua aduanan nson a ɛwɔ Asante mantan no mu no ho. Nkane no na Akrofuom abatoɔ mpesua no ka Adansi south abatoɔ mpesua no ho wɔ ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so du-nson wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu de kɔ si ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe mu na abatoɔ kɔmisa no tete abatoɔ mpesua no mu maa Akrofuom firii Adansi south mansini no abatoɔ mpesua no mu. Akrofuom abatoɔ mpesua no ahenkro ne Akrofuom.[2]

Mmarahyɛbedwafoɔ

wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mu a wɔtee Akrofuom abatoɔ mpesua no, na ɛho abɛhia sɛ wɔyi wɔn mmarahyɛbadwani ma no kɔ si wɔn abatoɔ mpesua no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party de Owura Kwabena Appiah Pinkrah na ɛbɛgyinaeɛ sɛ wɔn anan mu si ni. Abatoɔ no baa awieɛ no na Owura Kwabena Appiah Pinkrah adi nkunim wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu a ɔno ne nipa a ɔdii kan kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ Akrofuom manfoɔ no din mu.

Nkyerɛkyerɛmu pii Abatoɔ, Ɛkuoba ...
Abatoɔ Ɛkuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Mpɛsoa a wɔteeɛ
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Kwabena Appiah Pinkrah Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party
To mu

Abatoɔ

Wikiwand in your browser!

Seamless Wikipedia browsing. On steroids.

Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.

Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.