From Wikipedia, the free encyclopedia
Ahoɔhene (Itch a wɔsan nso frɛ no Pruritus) yɛ atinka a ɛde ntitiiɛ a ano yɛ den ba.[1] Ahoɔhene nam akwan ahodoɔ so ɛnye ntomu sɛ ɛyɛ atinka mu ahodoɔ no baako. Ahoɔhene ne yaw sesɛ,na sɛdeɛ ne mmienu nyinaa wɔ atinka a ɛnyɛ anigyeɛ no, wɔn suban nso yɛ soronko. Yaw de nnyesoɔ a w’ani nkɔ so ba, na ahoɔhene nso de nnyesoɔ a ɛno ara ankasa ma w’ani kɔ so.[2]
Nhoma a ɛwɔ nipadua no mu a ɛma wonya ahoɔhene ne yaw ho atinka no nyinaa firi wedeɛ no mu.Sɛdeɛ wɔsi nya nsɛm no wɔ akwan mmienu so no, wɔn nyinaa no de saa nhoma no ne spinothalamic tract yɛ adwuma.[3]
Mpɛn pii no, yɛhunu ahoɔhene wɔ baabi faako. Na sɛ wohunu ahoɔhene wɔ nipadua no mu nyinaa a, ɛno na wɔfrɛ no ahoɔhene a ɛsi nipadua no mu nyinaa no anaa sɛ generalized pruritus no. Ahoɔhene a ɛsi nipadua no mu nyinaa no wɔ mpopoeɛ binom a ano yɛ den pa ara, ɛbi te sɛ yareɛ a wɔfrɛ no cholestatic liver disease no. Sɛ wo ho kɔ so ara yɛ wo hene bɛyɛ nnawɔtwe nsia, anaa sɛ ɛboro saa a, ɛno na wɔfrɛ no ahoɔhene koankorɔ no anaa sɛ koankorɔ pruritus no.[4] Koankorɔ idiopathic pruritus anaa koankorɔ pruritus a wɔnnim n’abɔseɛ no yɛ ahoɔhene a ɛtumi di boro nnawɔtwe nsia a worentumi nkyerɛ deɛ ɛde baeɛ pɔtee.[5][6]
Ɛwɔ afe apem ahansia ne aduosia(1660) , ɛyɛ German onimdefoɔ a wɔfrɛ no Samuel Hafenreffer de nkyerɛmu a ɛfa pruritus ahoɔhene ho baeɛ.[7]
Yaw ne ahoɔhene, wɔn nyinaa nneyɛeɛ no nyɛ pɛ. Yaw de nnyesoɔ a ɛno ara ma nipadua no nya atinka no, na ɛsan nso wɔ nneɛma binom a ɛtumi bɔ nipadua a ɛreyɛ adi dɛm no ho ban. Ahoɔhene nso wɔ atinka a ɛno ara ma nipadua no nya, na ɛtwe nipa no adwene kɔ faako a ahoɔhene no wɔ no so. Sɛ adeɛ foforɔ bi ka wedeɛ no a, ahoɔhene wɔ atinka a ɛyɛ hare a ɛma woyi saa adeɛ no firi wedeɛ no ani. Sɛ ebia,woretiti wo ho yɛ kwan a wobɛtumi afa so ayi mmoa a nkasɛe nni wɔn mu no afiri wedeɛ no ani.
Infectious
Nnuro ahodoɔ pii na ɛwɔ dwa so. Nnubena binom wɔ hɔ a wɔahunu sɛ ɛtumi sɔ ahoɔhene ano, ɛbi nso ntumi. Ɔkwan foforɔ a wɔtumi fa so a ɛnfa nnuro ho ne sɛ wobɛma onwunu aka no, wobɛma no ayɛ hye kakra, na afei sɛ wobɛyɛ no bɔkɔɔ. Nnuro ahodoɔ a ayɛ sɛ nku nso wɔ dwa so.
Aduro a wɔfrɛ no Oral anti-itch nso wɔ dwa so a wɔagye ato mu sɛ ɛyɛ.Mpɛn pii no ahoɔdenuro a ɛwɔ mu no ka deɛ ɛdidisoɔ yi ho:
Afei sɛ wobɛtwa faako a ahoɔhene no wɔ no mfonini ahwɛ sɛdeɛ ɛsi teɛ no yɛ ma ahoɔhene a ano yɛ den pa ara no, ɛnkanka sɛ ɛyɛ koankorɔ yareɛ no bi a. Kanea a wɔde yɛ adwuma ne UVB.[10]
Ɛbɛyɛ sɛ nnipa ɔpepem ahanu ne aduowɔtwe wiase afana nyinaa a ɛyɛ nnipa dodoɔ no ɔha mu nkyekyɛmu nnan(4%)wɔ ahoɔhene ho haw.Wɔde toto yareɛ a wɔfrɛ no psoriasis a,ɛbɛyɛ sɛ nnipa dodoɔ no ɔha mu nkyekyɛmu mmienu de kɔsi mmiɛnsa(2-3%).
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.