Ahafo-Ano South West ka abatoɔ mpɛsua a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam no ho b. Wɔyii mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsua. Ahafo-Ano South west wɔ Ahafo-Ano South mansini a ɛwɔ Asante mantamGhana. Ahafo Ano South West abatoɔ mpesua ka abatoɔ mpesua aduanan nson a ɛwɔ Asante mantam no mu no ho bi. Nkane na Ahafo Ano South West abatoɔ mpesua no ka Ahafo Ano South mansini no abatoɔ mpesua no ho de firi afe apem aha nkron ne aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu a abatoɔ kɔmisa te firii Ahafo Ano North mansini no abatoɔ mpesua no so.[1]

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nhwehwemu ntem Mansini, Mantam ...
Ahafo Ano South West
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
Thumb
MansiniAhafo-Ano South Mansini
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2016
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPJohnson Kwaku Adu
To mu

Ɛhyeɛ.

Akonnwa no wɔ Ahafo-Ano South mansini a ɛwɔ Asante mantamGhana.[2] Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Ahafo Ano South West abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ bi ne Ahafo Ano south East abatoɔ mpesua so, Ahafo Ano North abatoɔ mpesua so. Ahafo Ano South West abatoɔ mpesua no ahenkro ne Mankranso a ɛbɛn Tepa ne Adugyama.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016) mu no, Johnson Kwaku Adu a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu na ɔnyaa mpesua no akonnwa no.

Nkyerɛkyerɛmu pii Election, Nea yɛtow ne so aba ...
Election Nea yɛtow ne so aba Amanyɔkuo
2016 Johnson Kwaku Adu New Patriotic Party
To mu

Abatoɔ

OMfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ wɔ Ahafo-Ano South West mpesua so no, Johnson Kwaku Adu a ɔwɔ Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu no nyaa mma mpem du nan, ahanku nkron ne aduanan nkron(14,949) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nson akyirepɔ aduasa mmiɛnsa (57.33). Joseph Donkor a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem du, ɔha ne aduoson nan(10,174) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nkron akyirepɔ mmienu (39.02). Progressive peoples people's party anamsini Paul Agyemang-Bioh nyaa mma ahansia ne aduonu nnwɔtwe (628) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ aduanan baako (2.41). Mma ahanu ne du mmienu (212) a ɛyɛ akyirepɔ aduowɔtwe baako (0.81) na United Front party anamusini Philemon Oppong nyaeɛ.Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Sarfo Adams nyaa mma ɔha ne du mmienu (112) a ɛyɛ akyirepɔ aduanan mmiɛnsa (0.43)

Nkyerɛkyerɛmu pii Amanyɔkuo, Aanamsifoɔ ...
Amanyɔkuo Aanamsifoɔ Mma Ɔhamu nkyekyɛmu +-%
Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party Johnson Kwaku Adu Mma mpem du nan, ahankron ne aduanan nkron Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nson akyirepɔ aduasa mmiɛnsa
Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Joseph Donkor Mpem du, ɔha ne aduoson nan Ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nkron akyirepɔ mmienu
Progressive people's party Paul Agyemang-Bioh Ahansia ne aduonu nnwɔtwe Ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ aduanan baako
United Front Party Philemon Oppong Ahanh ne du mmienu Akyirepɔ aduowɔtwe baako
Akokɔ amanyɔkuo convention peope's party Sarfo Adams Ɔha ne du mmienu Akyirepɔ aduanan mmiɛnsa
To mu

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.

Wikiwand in your browser!

Seamless Wikipedia browsing. On steroids.

Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.

Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.