Adwamammɔ
From Wikipedia, the free encyclopedia
Adwamammɔ yɛ nna mu kyɛfa nnipa mienu a wɔnwaree de wɔn ho hyɛ mu[1][2]. Sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ saa adeyɔ yi mu yɛ awarefoɔ a, yɛfrɛ no awaresɛi. Nanso, John Calvin huu nna mu ɔbrasei sɛ, nna mu kyɛfa biara a ɛnfa mmara kwan so, a adwamammɔ nso ka ho bi[3].
Wɔ nnipa pii fam no, asɛmfua no yɛ nea ɛfa abrabɔpa anaa nyamesom akyiwade ho, nanso nna mu kyɛfa a saa asɛmfua yi kyerɛ no yɛ nea nsonsonoeɛ da mu wɔ sɛnea anyamesomkuo, mmusuakuo ne ammamere ahorɔw te ase. wɔ nnɛmafo mu no, wɔde nsɛmfua te sɛ nna a edi awareɛ anim anaa nna mu ɔbrasei asi anan mu.