Abɔdeɛ Mu Nnoɔma A Atwa Yɛn Ho Ahyia (Natural Environment)
From Wikipedia, the free encyclopedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Twi
Abɔdeɛ, ɛmu nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia anaa abɔdeɛ mu wiase no ka nnoɔma a nkwa wɔ mu ne nnoɔma a ɛnni nkwa a ɛba wɔ abɔdeɛ mu nyinaa ho, a ɛkyerɛ sɛ wɔ wei mu no ɛnyɛ dea wɔde nsa ayɛ. Wɔtaa de asɛmfua no di dwuma wɔ Asase anaa Asase afa ahodoɔ bi ho. Saa nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia yi ka nkitahodie a ɛda abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nyinaa ntam, berɛ tenten mu wiem tebea , daadaa wiem tebea ne abɔdeɛ mu nnoɔma a ɛka nnipa nkwa ne sikasɛm mu dwumadie ho.[1] Yɛbɛtumi akyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda abɔdeɛ mu nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia ho adwene no mu sɛ nnoɔma a ɛka bom:
- Abɔdeɛ a nkwa wom akuokuo a edi mu a ɛyɛ adwuma sɛ abɔdeɛ mu nhyehyɛeɛ a nnipa anibue mfa wɔn ho nnye mu kɛseɛ, a afifideɛ, mmoawa a yɛmfa yɛn ani nhunu, asase, abotan, wiem tebea, ne abɔdeɛ mu nnoɔma a ɛkɔ so wɔ wɔn ahyeɛ ne wɔn su mu nyinaa ka ho.
- Wiase abɔdeɛ mu nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia mu nnoɔma ne honam fam nnoɔma a enni ahyeɛ a emu da hɔ, te sɛ mframa, nsuo, ne wiem tebea, ne ahoɔdenneɛ, mframa a ɛbɔ, anyinam ahoɔden, ne magnetism, a ɛnyɛ dea efiri nnipa nneyɛeɛ a anibueɛ wɔ mu.
Dea ɛne abɔdeɛ mu nnoɔma bɔ abira no, ɛyɛ mmeaeɛ a nnipa asesa nnoɔma pii te sɛ nkuro akeseɛ ne kuayɛ nsase a yɛasesa mu. Nneyɛeɛ a ɛte sɛ nea ɛnyɛ nea ɛtra so kɛseɛ mpo, te sɛ atɛkyɛ apata anaa photovoltaic nhyehyɛeɛ a wɔsisi wɔ serɛ so, nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia a wɔasesa no bɛyɛ nea wɔde nsa ayɛ. Ɛwom sɛ mmoa pii si nnoɔma na ama wɔanya tebea pa deɛ, nanso wɔnyɛ nnipa, enti wosusu sɛ beaver dams, ne nwansena a wsisi nkoko, adwuma no yɛ abɔdeɛ mu nnoɔma.
Nkurɔfoɔ ntumi nhunu abɔdeɛ mu nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia koraa wɔ Asase so, na abɔdeɛ mu nneɛma taa gu ahodoɔ wɔ ɔkwan a ɛkɔ so so, efiri abɔdeɛ mu ɔha nkyekyemu 100% wɔ ɔfa baako so kɔsi ɔha nktekyemu hwee so 0% abɔdeɛ wɔ ɔfa foforo so. Nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia mu nsakrae kɛseɛ a adesamma anya wɔ Anthropocene no aka abɔdeɛ mu nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia nyinaa titiri: nea efa wim nsakrae, abɔdeɛ a nkwa wom a wɔhwere ne efi a efiri plastic ne nnuru afoforɔ a ɛwɔ mframa ne nsu mu mu ka ho. Sɛ yɛbɛka no pɛpɛɛpɛ a, yɛbɛtumi asusu nnoɔma ahodoɔ anaa nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia ho, na yɛahunu sɛ sɛdeɛ wɔn abɔdeɛ teɛ no nyɛ pɛ.[2] Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ wɔ kuayɛ mu a, mineralogic composition ne n’asase no nhyehyɛe te sɛ kwaeɛ mu asase a wɔanhaw no deɛ, nanso sɛdeɛ wɔahyehyɛ no yɛ soronko koraa.