From Wikipedia, the free encyclopedia
Ɛbɔ(pronounciation of "Ɛbɔ" (help·info)) yɛ bosome a ɛtɔ so nkron wɔ afe no mu[1]. Ɛyɛ bosome a ɛhyɛ Ɔsanaa ne Ahinime abosome no ntɛm. Ɔsanaa bosome no na edi Ɛbɔ bosome no anim wɔ afe no mu na Ahinime bosome no di ɛbɔ bosome no akyi wɔ afe no mu.[1][2] Ɛbɔ bosome no wɔ nnafua aduasa. Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so mmiensa a ɛwɔ nnafua aduasa wɔ afe no mu. Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa te sɛ abosome Oforisuo, Ayɛwohummumɔ ne Obubuo.[3][4]
Ɛbɔ yɛ edin a Akanfoɔ de ma bosome a ɛtɔ so nkron wɔ afe no mu. Ɛbɔ borɔfo din de September.[2] Ɛbɔ bosome yɛ osutɔ berɛ. Ɛyɛ berɛ a nsuo tɔ berɛ a ɛtɔ so mmienu hyɛ ase wɔ anaafoɔ fam wɔ ɔman Gaana mu. Ena ɛyɛ nsutɔ berɛ wɔ atifi fam wɔ ɔman Gaana mu.
Kane no na adesua nnabupon no hyɛ ase wɔ ɛbɔ bosome no mu wɔ Gaana nanso corona yareɛ no abɛ sesa no[5]. Ɛbɔ bosome no ho hia wɔ ɔman Ghana mu efiri sɛ, ɔmanpanin a odikan dii Ghana so no, yɛ woo no Ɛbɔ bosome da ɛtɔ so eduanu baako . Me kyerɛ ɔmanpanin Kwame Nkrumah[6].
Ɛbɔ bosome wɔ afahyɛ wɔde kae Kwame Nkrumah ne Homowo, kundum, Kobine, Akwantutenten, Odwira ne Fetu Afahyɛ a Gaanafoɔ edi.[7]
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.