From Wikipedia, the free encyclopedia
Ɔpɛnimaa(pronounciation of "Ɔpɛnimaa" (help·info)) yɛ bosome a ɛtwatoɔ wɔ afe mu. Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so du mmienu ɛna ɛsane nso wɔ nna aduasa-baako. Ɔpɛnimaa bosome no na ɛdi Obubuo akyi ɛna ɛsane di Ɔpɛpɔn anim[1]
Ɔpɛnimaa yɛ edin a Akanfoɔ de ma bosome a ɛtɔ so du mmienu. Wɔ brɔfo mu no wɔfrɛ saa bosome yi 'December'. Ɔpɛnimaa kyerɛ sɛ ɔpɛ ketewa. Ɛya saa bosome wei na ɔpɛ no hyɛ aseɛ ba nketenkete ansana ayi ne ti kɛse paa wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu. Sɛ eduru Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔso aduonu-num a nnipa pii noa de saa da yi si hɔ de kae Yesu awoda ɛno nti akristofoɔ ne nnipa pii mfa saa da no nni agorɔ koraa.[2] Wɔ bosome yi mu wɔ Ghana no, ɔpɛ bere no hyɛ ase wɔ Ghana atɔe fan nanso wɔ Ghana atifi fam no ɛyɛ ɔpɛ bere dedaw.[3][4]
Nna atitirew bi ne nnapɔnna ahorow a wɔhyɛ ho fa wɔ Ɔpɛnimaa bosome mu wɔ ɔman Ghana mu. Ebi ne:
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.